Dwom 89:46 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 46 O Yehowa, wode w’anim behintaw akosi da bɛn? Afebɔɔ anaa?+W’abufuw bɛkɔ so adɛw sɛ ogya?+ Yesaia 30:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Hwɛ, Yehowa din fi akyirikyiri reba, ɛde abufuhyew+ ne omununkum duruduru reba. Atemmu ayɛ n’anom mã, na ne tɛkrɛma te sɛ ogya a ɛhyew ade.+ Sefania 1:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Na wɔn dwetɛ ne wɔn sika rentumi nnye wɔn Yehowa abufuw da no,+ na n’anibere gya mu na asase no nyinaa bɛhyew+ na ɔde ɔsɛe a ɛyɛ hu atɔre asase no sofo nyinaa ase.”+ 2 Tesalonikafo 1:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 wɔ ogyaframa mu, na ɔde aweredi+ aba wɔn a wonnim Onyankopɔn+ ne wɔn a wontie+ yɛn Awurade Yesu ho asɛmpa no so.+
27 Hwɛ, Yehowa din fi akyirikyiri reba, ɛde abufuhyew+ ne omununkum duruduru reba. Atemmu ayɛ n’anom mã, na ne tɛkrɛma te sɛ ogya a ɛhyew ade.+
18 Na wɔn dwetɛ ne wɔn sika rentumi nnye wɔn Yehowa abufuw da no,+ na n’anibere gya mu na asase no nyinaa bɛhyew+ na ɔde ɔsɛe a ɛyɛ hu atɔre asase no sofo nyinaa ase.”+
8 wɔ ogyaframa mu, na ɔde aweredi+ aba wɔn a wonnim Onyankopɔn+ ne wɔn a wontie+ yɛn Awurade Yesu ho asɛmpa no so.+