Atemmufo 2:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Enti Yehowa maa wɔn atemmufo+ sɛ wonnye wɔn mfi wɔn a wɔfow wɔn nneɛma no nsam.+ Atemmufo 10:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 ne Sidonfo+ ne Amalekfo+ ne Midianfo+ hyɛɛ mo so+ na musu frɛɛ me no, mannye mo amfi wɔn nsam? 1 Samuel 12:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Ɛnna Yehowa somaa Yerubaal+ ne Bedan ne Yefta+ ne Samuel,+ na ogyee mo fii mo atamfo a wɔatwa mo ho ahyia nsam ma motenaa ase dwoodwoo.+ Nehemia 9:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Eyi nti, wode wɔn hyɛɛ wɔn atamfo+ nsa ma wohiahiaa wɔn ho.+ Na sɛ wɔkɔ ahohia mu a, wosu frɛ wo,+ na wo nso wufi soro hɔ tie wɔn;+ na sɛnea wo mmɔborɔhunu bebrebe+ te no, woma wɔn agyefo+ ma wogye wɔn fi wɔn atamfo nsam.+
11 Ɛnna Yehowa somaa Yerubaal+ ne Bedan ne Yefta+ ne Samuel,+ na ogyee mo fii mo atamfo a wɔatwa mo ho ahyia nsam ma motenaa ase dwoodwoo.+
27 Eyi nti, wode wɔn hyɛɛ wɔn atamfo+ nsa ma wohiahiaa wɔn ho.+ Na sɛ wɔkɔ ahohia mu a, wosu frɛ wo,+ na wo nso wufi soro hɔ tie wɔn;+ na sɛnea wo mmɔborɔhunu bebrebe+ te no, woma wɔn agyefo+ ma wogye wɔn fi wɔn atamfo nsam.+