6 Na Yehowa betwaam wɔ n’anim paeem kae sɛ: “Yehowa, Yehowa, Onyankopɔn mmɔborɔhunufo+ ne ɔdomfo,+ nea ne bo kyɛ fuw+ na n’adɔe+ ne ne nokwaredi+ dɔɔso.
18 ‘Yehowa bo kyɛ fuw+ na n’adɔe+ dɔɔso, na ɔde mfomso ne mmarato firi,+ nanso ɔremma nea odi fɔ mfa ne ho nni.+ Na ɔde agyanom bɔne ho asotwe ba mma ne mmanana ne nanankansowanom mpo so.’+
18 Sɛ Yehowa ma wɔn atemmufo+ a, na Yehowa di ɔtemmufo biara akyi. Na ɔtemmufo no nna nyinaa, ogyee wɔn fii wɔn atamfo nsam, efisɛ na ɛhaw Yehowa+ sɛ obehu sɛ wɔn atamfo+ ne asɔretiafo nti wɔresi apini.
16 Na ɔbɔfo+ no de ne nsa kyerɛɛ Yerusalem so sɛ ɔresɛe hɔ. Na mmusu a ɛbae no yɛɛ Yehowa mmɔbɔ,+ enti ɔka kyerɛɛ ɔbɔfo a ɔrekunkum nnipa no sɛ: “Ayɛ yiye! Fa wo nsa to hɔ.” Saa bere no, na Yehowa bɔfo no gyina Yebusini+ Arauna+ awiporowbea no nkyɛn.
13 Munsuan mo koma mu,+ na ɛnyɛ mo ntade mu,+ na monsan mmra Yehowa mo Nyankopɔn nkyɛn, efisɛ ɔyɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo,+ ne bo kyɛ fuw+ na n’adɔe dɔɔso,+ na amanehunu no nti, obegyae mu ma aka.+