Hiob 9:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Wayɛ nneɛma akɛse a enni hwehwɛbea,+Ne anwonwade a enni ano.+ Hiob 42:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 “Mahu sɛ wutumi ade nyinaa yɛ,+Na biribiara nsõ wo yɛ.+ Dwom 92:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 O Yehowa, wo nnwuma yɛ akɛse dɛn ara!+W’adwene mu dɔ yiye.+ Dwom 98:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 98 Monto dwom foforo mma Yehowa,+Na nneɛma a wayɛ no yɛ nwonwa.+Ne nsa nifa, ne basa kronkron no, ayɛ nkwagye adwuma ama no.+ Dwom 104:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 O Yehowa, wo nnwuma dɔɔso dɛn ara!+Nyansam na woayɛ ne nyinaa.+Wo nsa ano adwuma ahyɛ asase so mã.+ Dwom 139:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Mɛkamfo wo efisɛ sɛnea woyɛɛ me no yɛ hu na ɛyɛ nwonwa.+Wo nnwuma yɛ nwonwa,+Na me kra nim saa yiye.+ Yesaia 40:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Hena na osusuw nsu wɔ ne nsayam+ ne ɔsoro wɔ ne nsam,+ na ɔde susukora susuw asase so mfutuma,+ na ɔde nsenia kari mmepɔw anaa abrammo kari nkoko? Adiyisɛm 15:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom+ ne Oguammaa no dwom+ sɛ: “Yehowa Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ,+ wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa.+ Mmeresanten Hene,+ w’akwan teɛ na ɛyɛ nokware.+
98 Monto dwom foforo mma Yehowa,+Na nneɛma a wayɛ no yɛ nwonwa.+Ne nsa nifa, ne basa kronkron no, ayɛ nkwagye adwuma ama no.+
24 O Yehowa, wo nnwuma dɔɔso dɛn ara!+Nyansam na woayɛ ne nyinaa.+Wo nsa ano adwuma ahyɛ asase so mã.+
14 Mɛkamfo wo efisɛ sɛnea woyɛɛ me no yɛ hu na ɛyɛ nwonwa.+Wo nnwuma yɛ nwonwa,+Na me kra nim saa yiye.+
12 Hena na osusuw nsu wɔ ne nsayam+ ne ɔsoro wɔ ne nsam,+ na ɔde susukora susuw asase so mfutuma,+ na ɔde nsenia kari mmepɔw anaa abrammo kari nkoko?
3 Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom+ ne Oguammaa no dwom+ sɛ: “Yehowa Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ,+ wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa.+ Mmeresanten Hene,+ w’akwan teɛ na ɛyɛ nokware.+