Deuteronomium 15:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Hu sɛ ohiani rempa w’asase so.+ Eyi nti na merehyɛ wo sɛ, ‘Bue wo nsam ma wo nua a ne ho akyere no anaa nea ahia no wɔ w’asase so’ no.+ Mmebusɛm 11:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Obi wɔ hɔ a ɔpete, nanso ɔkɔ so nya bebree;+ na obi nso kame ade, nanso hia ara na ehia no.+ Mmebusɛm 19:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Nea ɔdom ɔbrɛfo no de fɛm Yehowa,+ na nea ɔde ama no, Obetua no ka.+ Ɔsɛnkafo 11:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Fa bi ma nnipa baason anaa baawɔtwe,+ efisɛ wunnim asɛmmɔne a ɛbɛba asase so.+ 2 Korintofo 9:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 (Sɛnea wɔakyerɛw no, “Wakyɛ ade pii, wama ahiafo ade, ne trenee wɔ hɔ daa.”+
11 Hu sɛ ohiani rempa w’asase so.+ Eyi nti na merehyɛ wo sɛ, ‘Bue wo nsam ma wo nua a ne ho akyere no anaa nea ahia no wɔ w’asase so’ no.+