22 Nanso mmoa+ a manya wɔ Onyankopɔn nkyɛn nti na makɔ so atena hɔ abedu nnɛ a meredi adanse akyerɛ nketewa ne akɛse nyinaa yi; menkaa hwee, gye nsɛm a Adiyifo+ no ne Mose+ kae sɛ ɛbɛba no,
18 Nanso amanaman no bo fuwii, na w’ankasa w’abufuw ne bere a ɛsɛ sɛ wubu awufo atɛn no bae, na wode akatua+ ama wo nkoa adiyifo+ ne akronkronfo ne wɔn a wosuro wo din, nketewa ne akɛse,+ na woasɛe+ wɔn a wɔresɛe asase no.”+