1 Samuel 15:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 na atuatew+ ne abosonkɔm+ nyinaa yɛ bɔne koro, na aniammɔho ne asumansɛm ne terafim+ ahonisom nyinaa yɛ ade koro. Esiane sɛ woapo Yehowa asɛm+ nti, ɔno nso apo wo sɛ nni hene.”+ Mmebusɛm 2:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Abɔnefo de, wobetwa wɔn afi asase so;+ na nkontompofo nso, wobeyi wɔn afi so.+ Mmebusɛm 25:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ma wonyiyi dwetɛ mu fĩ, na ne nyinaa ho befi.+ Yeremia 6:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 Nnipa bɛfrɛ wɔn sɛ dwetɛ a wɔapo,+ efisɛ Yehowa apo wɔn.”+ Hesekiel 22:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 “Onipa ba, Israel fie ayɛ sɛ dwetɛ mu fĩ wɔ m’ani so.+ Wɔn nyinaa yɛ kɔbere ne sanyaa ne dade ne sumpii wɔ fononoo mu. Wɔayɛ sɛ dwetɛ mu fĩ pɔtɔɔ.+
23 na atuatew+ ne abosonkɔm+ nyinaa yɛ bɔne koro, na aniammɔho ne asumansɛm ne terafim+ ahonisom nyinaa yɛ ade koro. Esiane sɛ woapo Yehowa asɛm+ nti, ɔno nso apo wo sɛ nni hene.”+
18 “Onipa ba, Israel fie ayɛ sɛ dwetɛ mu fĩ wɔ m’ani so.+ Wɔn nyinaa yɛ kɔbere ne sanyaa ne dade ne sumpii wɔ fononoo mu. Wɔayɛ sɛ dwetɛ mu fĩ pɔtɔɔ.+