Hiob 10:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Sɛ mema me ho so+ a, wobɛtaa me sɛ gyataforo,+Na wobɛyɛ anwonwade wɔ me so bio. Hiob 40:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Hwie w’abufuw a ɛboro so no,+Na hwehwɛ ɔhantanni biara na brɛ no ase. Mmebusɛm 6:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 ani a ɛtra ntɔn,+ atoro tɛkrɛma,+ ne nsa a ehwie mogya a edi bem gu,+ Yesaia 2:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Ɔdesani ani a ɛtra ne ntɔn no bɛbrɛ ase na nnipa ahomaso aba fam.+ Saa da no, Yehowa nkutoo na wɔbɛma no so.+ Luka 18:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Meka kyerɛ mo sɛ, ɔbarima yi san kɔɔ ne fie sɛ ɔtreneeni+ sen ɔbarima biako no; efisɛ obiara a ɔma ne ho so no wɔbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no wɔbɛma no so.”+
11 Ɔdesani ani a ɛtra ne ntɔn no bɛbrɛ ase na nnipa ahomaso aba fam.+ Saa da no, Yehowa nkutoo na wɔbɛma no so.+
14 Meka kyerɛ mo sɛ, ɔbarima yi san kɔɔ ne fie sɛ ɔtreneeni+ sen ɔbarima biako no; efisɛ obiara a ɔma ne ho so no wɔbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no wɔbɛma no so.”+