Dwom 6:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 O Yehowa, san bra+ na begye me kra;+W’adɔe+ nti, gye me ɛ. Dwom 9:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Hu me mmɔbɔ, O Yehowa; hwɛ sɛnea m’atamfo hiahia me ho,+O wo a woma me so fi owu apon ano,+ Dwom 140:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 140 O Yehowa, gye me fi abɔnefo nsam;+Mesrɛ wo, bɔ me ho ban fi nnipa a wɔpɛ awudisɛm ho,+