8 Ɔdesani, waka nea eye akyerɛ wo.+ Na dɛn na Yehowa hwehwɛ fi wo hɔ? Ɛno ara ne sɛ wubedi asɛntrenee+ na woadɔ ayamye+ na woabrɛ wo ho ase+ ne wo Nyankopɔn anantew.+
31 Nokwasɛm ni, saa bere no asafo+ a ɛwowɔ Yudea ne Galilea ne Samaria nyinaa nyaa asomdwoe, na wɔyɛɛ den; na bere a wɔde Yehowa+ suro ne honhom kronkron+ no awerɛkyekye nantewee no, wɔkɔɔ so dɔe.
4Awiei koraa, anuanom, yɛsrɛ mo, na yetu mo fo Awurade Yesu mu sɛ sɛnea munyaa akwankyerɛ fii yɛn nkyɛn a ɛkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ monantew+ na mosɔ Onyankopɔn ani, a saa ara nso na mugu so nantew no, monkɔ so nyɛ no kɛse.+