Dawid dwom. Maskil.
32 Anigye ne onipa a wɔde ne mmarato afiri no, na wɔakata ne bɔne so.+
2 Anigye ne onipa a Yehowa mmu mfomso ngu no so,+
Na ɔnyɛ ɔdaadaafo.+
3 Mimuaa m’ano no, me mu apinisi wewee me nnompe mu daa.+
4 Wo nsa yɛɛ duru wɔ me so+ adekyee ne adesae.
Na me mu nsu nyinaa twee sɛnea ɔhyew yow nsu ɔpɛ bere mu+ no. Sela.
5 Mekaa me bɔne kyerɛɛ wo, na mankata me mfomso so+ bio.
Mekae sɛ: “Mɛka me mmarato akyerɛ Yehowa.”+
Na wo nso wode me bɔne ne me mfomso firii me.+ Sela.
6 Eyi nti ɔnokwafo biara bɛbɔ wo mpae+
Bere a obetumi ahu wo no.+
Na nsuyiri kɛse de, ɛrenka no da.+
7 Wone me hintabea; wobɛkora me so na mankɔ ahohia mu.+
Na wode nkwagye ahurusi dwom na ebetwa me ho ahyia.+ Sela.
8 Wokae sɛ: “Mɛma woanya nhumu na makyerɛ wo ɔkwan a fa so.+
M’ani bɛba wo so, na matu wo fo.+
9 Monnyɛ mo ho sɛ apɔnkɔ anaa mfurumpɔnkɔ a wonnim nyansa+
A wɔde nnareka anaa hama na ɛtwe wɔn+
Ansa na wɔaba mo nkyɛn no.”+
10 Ɔdebɔneyɛfo yaw dɔɔso;+
Na nea ɔde ne ho to Yehowa so no de, adɔe nkutoo na etwa ne ho hyia.+
11 Treneefo nyinaa, munni ahurusi Yehowa mu, na momma mo ani nnye;+
Komam teefo nyinaa, monto ahurusi dwom.+