Wɔde ma dwonkyerɛfo, Gitit+ so. Dawid dwom.
8 O yɛn Awurade Yehowa, wo din yɛ kɛse dɛn ara wɔ asase nyinaa so,+
Wo a wɔka w’anuonyam ho asɛm ma ɛtra ɔsoro!+
2 Mmofra ne wɔn a wonum nufu anom na woama ahoɔden atim,+
Wɔn a wɔtan wo nti;+
Woama ɔtamfo ne nea ɔtɔ were asan.+
3 Sɛ mihu wo soro, wo nsateaa ano adwuma,+
Ɔsram ne nsoromma a woasiesie+ no a,
4 Onipa+ ne hena a wokae no,+
Na ɔdesani ne hena a wohwɛ no?+
5 Woama waba fam kakra asen wɔn a wɔsɛ Onyankopɔn,+
Na wode anuonyam+ ne nidi abɔ no abotiri.+
6 Woama odi wo nsa ano nnwuma so;+
Na wode biribiara agu ne nan ase:+
7 Nguan ne anantwi nyinaa,+
Ne wuram mmoa nso,+
8 Wim nnomaa ne po mu mpataa,+
Biribiara a ɛnenam po akwan mu;+ wode ne nyinaa ama no.
9 O yɛn Awurade Yehowa, wo din yɛ kɛse dɛn ara wɔ asase nyinaa so!+