Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 4/8 kr. 4-5
  • Hia A Ehia Sɛ Ɛyɛ Nea Mfaso Wom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hia A Ehia Sɛ Ɛyɛ Nea Mfaso Wom
  • Nyan!—1981
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ma W’ani Nnye Yɛn Asase Fɛfɛ Yi Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Ade Ketewa a Ɛso
    Nyan!—1991
  • Tumi a Ɔde Bɔɔ Ade—‘Nea Ɔyɛɛ Ɔsoro Ne Asaase’
    Bɛn Yehowa
  • Nsoromma Ne Onipa—So Wɔwɔ Abusuabɔ Bi?
    Nyan!—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1981
g81 4/8 kr. 4-5

Hia A Ehia Sɛ Ɛyɛ Nea Mfaso Wom

Hena na eyi ho hia no? Ɛnyɛ sonsono anaasɛ ɔkɔre, opurow anaasɛ bonsu. Onipa nkutoo ne nea ɔwɔ asase so abɔde nyinaa mu a obisa asɛm, So mfaso bi wɔ asetra mu ampa? Awo ntoatoaso ahorow nyinaa asusuw ho. Sɛ hia a ehia sɛ mfaso ba mu no nyɛ nea wɔde ahyɛ onipa mu a anka asemmisa no renhaw no wɔ mfehaha no nyinaa mu

ASASE no te sɛ nea ɛyɛ kɛse ma onipa, nanso ɛyɛ kyinsoromma ketewaa bi a ɛrekyin nsoromma bi a ne kɛse yɛ adantam a yɛfrɛ no owia no ho. Owia no anim trɛw a ɛyɛ akwansin 864,000 no yɛ kɛse wɔ n’ani so, de kosi sɛ yesua hu sɛ owia yi ahorow bi wɔ hɔ a ɛsosoe akɛse yiye a wɔn trɛw yɛ akwansin 2,000,000,000. Egye hann a etu mmirika akwansin 186,000 anibu biako no simma awotwe ma ɛde adu asase so, nanso ehia mfirihyia 100,000 na ɔde atwa yɛn Nsoromma Akuwakuw a emu no nsoromma ahorow 100,000,000,000 na ɛwom no.

Nsoromma ho animdefo bu ano sɛ Nsoromma Akuwakuw yi ahorow bebree na ɛwɔ amansan yi mu. Radio hwɛde atumi ahu hann a efi hann-mfe 10,000,000,000 hɔ ba. Wɔ akontaabude akɛse yi nyinaa akyi no ɛmma yenhu sɛnea amansan no kɛse te yiye.

Ahunmu a wonnim a ɛwɔ akyirikyiri no nyɛ nea ehia adanko anaasɛ tɛfrɛ anaasɛ kontromfi, anaasɛ aboa biara. Nanso onipa na ne kɛse no yɛ no nwonwa. Teteete na Israel Hene Dawid huu nsoromma bɛyɛ mpem abien anaasɛ abiɛsa wɔ ɔsoro, na amansan a ɛwɔ ahunmu no mu ade ketewaa a ohui no ma ɔteɛɛm ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Sɛ mehwɛ ɔsoro, wo nsateaa ano adwuma, ɔsram ne nsoromma a woasiesie a, ɔdesani ne hena a wokae no?”​—Dw. 8:3, 4.

Dawid tee nka sɛ nsoromma mpem kakraa no ama wayɛ ketewaa. Wɔ nsoromma akuwakuw ɔpepem bebree ho nimdeɛ a yɛanya no nti, na ɛsɛ sɛ eyi ma yɛyɛ ketewaa koraa kyɛn saa! Sɛ asase no yɛ bosea ketewaa bi ara kwa wɔ amansan yi mu a, ɛnde na mfaso bɛn na ɛwɔ onipa so.

Ɛnyɛ ketewaa a yɛyɛ wɔ amansan kɛse yi mu no ne asɛm no na mmom yɛn asetra bere tiaa wɔ mfirihyia bebrebe a atwam no mu no na ɛma ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebegye adi sɛ mfaso wɔ yɛn asetra mu. Sɛnea mmoa ntumi nsusuw amansan kɛse a ɛwɔ ahunmu yi ho no, saa ara na ɛno kyerɛ sɛ wonni bere ho adwene biara, nanso, “‘Onyankopɔn de mmeresanten ahyɛ onipa koma mu,” “ɔde bere a atwam ne daakye ho ntease ama onipa.” (Ɔsɛnk. 3:11, The Living Bible ne The New English Bible) Ɛwom sɛ onim sɛ bere wɔ hɔ daa de, nanso wɔka kyerɛ onipa sɛ ne nkwa yɛ tiaa.

Ɔdwontofo no kae sɛ: “Ɔdesani de, ne nna te sɛ sare, ɔyɛ frɔmm sɛ wuram nhwiren. Sɛ mframa bɔ fa no so a, na onni hɔ, na ne sibea nnim no bio.” “Onipa,​—ɔte sɛ ahuhuw, ne nna te sɛ sunsuma a ɛretwam.” Kristoni Bible kyerɛwfo Yakobo penee eyi so sɛ: “Na mo nkwa ne dɛn? Efisɛ moyɛ huruhuro a eyi ne ho kakra, na afei ɛyera.”​—Dw. 103:15, 16; 144;4; Yak. 4:14.

Sɛ asetra twam ntɛm saa na nea edi akyi ne daakye a hwee nni hɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na ayɛ nea mfaso wom? Nanso sɛ́ ɛyɛ nea ehia na ɛyɛ nea ɛtra hɔ daa na mfaso wom no yɛ kɛse ara ma afei de ɛde nkyerɛkyerɛ a ɛfa ɔkra a enwu ne ɔkra a wɔsan wo wɔn bio ho ba. Ebinom te nka sɛ ehia sɛ wɔma mprempren asetra yi yɛ nea wobetumi akae, enti wogyaw wɔn ho biribi wɔ wɔn akyi​—nhoma, mfonini, nnwonto anaa nwonkyerɛ, akyɛde bi, ɔdan bi a wɔasi a wɔde kae obi, biribiara a wɔde bɛma a ebetumi ayɛ adanse bi sɛ wɔatra ase pɛn. Eyi te sɛ nea ɛboa wɔn ma wɔte nka sɛ mfaso wɔ asetra mu a wɔwɔ no so. Wɔn a wɔanya din no mpo din yera nnipa adwenem wɔ bere a afoforo a wɔn adeyɛ sosoe kyɛn wɔn de ba no. Mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛsakra asetra yi mu nokwasɛm no ma wɔka wɔ awiei sɛ: “Na hwɛ, ne nyinaa yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu.”​—Ɔsɛnk. 1:14.

Wɔ ketewaa a onipa yɛ wɔ amansan mu no nyinaa, ne sɛnea opue bere tiaa bi na otwam wɔ bere mu kɔ no nyinaa akyi no, ɔda so te nka sɛ ɛsɛ sɛ n’asetra yɛ nea mfaso wom. Eyi fi ɔkwan a wɔfaa so bɔɔ no nti. Ɛyɛ biribi a ehia a wɔde woo no. Viktor Frankl, adwenemyare ho nimdefo a ɔde adwenemyare ho sukuu adekyerɛ bi a wɔfrɛ no logotherapy bae no kae sɛ: “Sɛ́ obi bɛbɔ mmɔden ahwehwɛ mfaso a ɛwɔ n’asetra mu no yɛ tumi titiriw a ɛkanyan onipa wɔ ne mu.”

Nanso yɛbɛyɛ dɛn atumi agyina mfaso a ɛwɔ yɛn asetra mu yi ho ɔhaw no ano? Asɛm a edi hɔ no kyerɛkyerɛ nneɛma a wɔhwehwɛ no mu binom mu.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

Sɛ asase yɛ bosea ketewaa bi wɔ amansan nyinaa a, ɛnde na mfaso bɛn na ɛwɔ ankorankoro a wɔte saa bosea yi so no ho?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

“Mmɔden a obi bɔ sɛ obehu mfaso a ɛwɔ n’asetra mu no ne nkanyan a ɛyɛ tumi a edi kan a ɛwɔ onipa mu.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena