Deuteronomium 19:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 “Sɛ wunya kɔtena asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no so na wo nsa ka w’agyapade a, mpia wo yɔnko hye+ a wo nananom ato dedaw wɔ asase no so no. Deuteronomium 27:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 “‘Nnome nka nea opia ne yɔnko hye kɔ akyi.’+ (Na ɔman no nyinaa nka sɛ, ‘Amen!’) Hiob 24:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Ebinom piapia ahye;+Wohwim mmoakuw, na wɔyɛn wɔn. Hosea 5:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Yuda abirɛmpɔn te sɛ wɔn a wɔtwe ɔhye kɔ akyi;+ wɔn so na mehwie m’abufuw agu te sɛ nsu.
14 “Sɛ wunya kɔtena asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no so na wo nsa ka w’agyapade a, mpia wo yɔnko hye+ a wo nananom ato dedaw wɔ asase no so no.