Leviticus 19:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 “‘Monhwɛ na moammu atɛnkyea. Sɛ moredi ohiani asɛm a, monnyɛ animhwɛ,+ na munnni mmma onipa titiriw.+ Momfa atɛmpa mmu mo yɔnko atɛn. Deuteronomium 1:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Monnhwɛ nnipa anim wɔ atemmu mu.+ Muntie nea osua sɛnea mutie nea ɔsõ no ara pɛ.+ Munnsuro onipa anim,+ na Onyankopɔn na obu atɛn.+ Na sɛ asɛm a emu yɛ duru bi sɔre a, momfa mmrɛ me na minni.’+ Deuteronomium 16:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Mmu atɛnkyea.+ Nhwɛ nnipa anim,+ na nnye adanmude, efisɛ adanmude fura anyansafo aniwa,+ na etumi ma treneefo sesa wɔn ano. 2 Beresosɛm 19:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Afei munsuro+ Yehowa,+ na momfa ahwɛyiye nyɛ adwuma no,+ efisɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn nyɛ bɔne,+ ɔnhwɛ nnipa anim,+ na onnye adanmude.”+ 1 Timoteo 5:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Mehyɛ wo Onyankopɔn ne Kristo Yesu+ ne abɔfo a wɔapaw wɔn no anim sɛ di eyinom ho dwuma a womfa ahopere mmu atɛn, na womfa animhwɛ+ nyɛ biribiara. Yakobo 2:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 so ɛnkyerɛ sɛ mpaapaemu wɔ mo mu+ na moabɛyɛ atemmufo+ a mubu atɛnkyea?+ 1 Petro 1:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Bio nso, sɛ mofrɛ Agya a ɔnhwɛ nnipa anim+ na obu atɛn sɛnea obiara adwuma te no a, momfa osuro+ mmɔ mo bra bere a mode te ase sɛ ahɔho no.+
15 “‘Monhwɛ na moammu atɛnkyea. Sɛ moredi ohiani asɛm a, monnyɛ animhwɛ,+ na munnni mmma onipa titiriw.+ Momfa atɛmpa mmu mo yɔnko atɛn.
17 Monnhwɛ nnipa anim wɔ atemmu mu.+ Muntie nea osua sɛnea mutie nea ɔsõ no ara pɛ.+ Munnsuro onipa anim,+ na Onyankopɔn na obu atɛn.+ Na sɛ asɛm a emu yɛ duru bi sɔre a, momfa mmrɛ me na minni.’+
19 Mmu atɛnkyea.+ Nhwɛ nnipa anim,+ na nnye adanmude, efisɛ adanmude fura anyansafo aniwa,+ na etumi ma treneefo sesa wɔn ano.
7 Afei munsuro+ Yehowa,+ na momfa ahwɛyiye nyɛ adwuma no,+ efisɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn nyɛ bɔne,+ ɔnhwɛ nnipa anim,+ na onnye adanmude.”+
21 Mehyɛ wo Onyankopɔn ne Kristo Yesu+ ne abɔfo a wɔapaw wɔn no anim sɛ di eyinom ho dwuma a womfa ahopere mmu atɛn, na womfa animhwɛ+ nyɛ biribiara.
17 Bio nso, sɛ mofrɛ Agya a ɔnhwɛ nnipa anim+ na obu atɛn sɛnea obiara adwuma te no a, momfa osuro+ mmɔ mo bra bere a mode te ase sɛ ahɔho no.+