Deuteronomium 16:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Mmu atɛnkyea.+ Nhwɛ nnipa anim,+ na nnye adanmude, efisɛ adanmude fura anyansafo aniwa,+ na etumi ma treneefo sesa wɔn ano. 1 Samuel 8:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Ne mma amfa n’akwan so;+ wodii mfaso bɔne+ akyi, wogyee adanmude,+ na wɔdan atemmu ani.+ Mmebusɛm 1:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Saa na obiara a ɔpɛ mfaso bɔne+ no akwan te. Ɛma wɔn kra fi wɔn nsa.+ Ɔsɛnkafo 7:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Nhyɛso tumi ma onyansafo yɛ n’ade sɛ ɔbɔdamfo,+ na akyɛde+ tumi sɛe koma.+ Yesaia 1:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 W’atumfoɔ asen wɔn kɔn na wɔne akorɔmfo na ɛbɔ.+ Wɔn mu biara dɔ adanmude,+ na wotiw akyɛde.+ Wonni agyanka asɛm mma no, na akunafo asɛm nnu wɔn anim.+
19 Mmu atɛnkyea.+ Nhwɛ nnipa anim,+ na nnye adanmude, efisɛ adanmude fura anyansafo aniwa,+ na etumi ma treneefo sesa wɔn ano.
23 W’atumfoɔ asen wɔn kɔn na wɔne akorɔmfo na ɛbɔ.+ Wɔn mu biara dɔ adanmude,+ na wotiw akyɛde.+ Wonni agyanka asɛm mma no, na akunafo asɛm nnu wɔn anim.+