Hiob 3:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Ɛhɔ na nnipa akɛse ne nketewa nyinaa yɛ pɛ,+Na akoa ade ne ho afi ne wura nsam. Hiob 14:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Nanso sɛ ɔbarima wu a, ɔnkeka ne ho;Na sɛ ɔdesani gyaa mu a, na ɔwɔ he?+ Ɔsɛnkafo 2:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Me de, mekae wɔ me komam sɛ:+ “Sɛnea ewie ɔkwasea+ no, me nso saa ara na ebewie me.”+ Ɛnde mebɛyɛɛ onyansafo pii saa+ yɛɛ dɛn? Enti mekae wɔ me komam sɛ: “Eyi nso yɛ ahuhude.”
15 Me de, mekae wɔ me komam sɛ:+ “Sɛnea ewie ɔkwasea+ no, me nso saa ara na ebewie me.”+ Ɛnde mebɛyɛɛ onyansafo pii saa+ yɛɛ dɛn? Enti mekae wɔ me komam sɛ: “Eyi nso yɛ ahuhude.”