Yesaia 32:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Wɔagyaw abankɛse ato hɔ,+ na kurow no mu dede ayera. Ofel+ ne ɔwɛn aban bɛdan sare, na ɛbɛyɛ sare so mfurum agodibea daa ne nguan adidibea, Yeremia 9:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Mɛma Yerusalem adan abokuw,+ sakraman tenabea,+ na mɛdan Yuda nkurow amamfõ a obi ntena mu.+ Kwadwom 1:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Sion akwan redi awerɛhow, efisɛ obi mma afahyɛ no ase.+N’aponkɛse nyinaa adeda mpan;+ n’asɔfo resi apini.+Awerɛhow ahyɛ ne mmaabun ma, na ɔno nso redi abooboo.+ Kwadwom 2:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 N’aponkɛse+ amemem kɔ asase yam. Wasɛe ne mmeamu abubu mu.Ne hene ne ne mpanyimfo wɔ amanaman no mu.+ Mmara bi nni hɔ.+N’adiyifo nso nnyaa anisoadehu bi mfii Yehowa hɔ.+ Mika 1:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 N’apirakuru nni sabea,+ efisɛ abedu Yuda tɔnn;+ ne yare abedu me man kurow pon ano pɛɛ, Yerusalem tɔnn.+
14 Wɔagyaw abankɛse ato hɔ,+ na kurow no mu dede ayera. Ofel+ ne ɔwɛn aban bɛdan sare, na ɛbɛyɛ sare so mfurum agodibea daa ne nguan adidibea,
4 Sion akwan redi awerɛhow, efisɛ obi mma afahyɛ no ase.+N’aponkɛse nyinaa adeda mpan;+ n’asɔfo resi apini.+Awerɛhow ahyɛ ne mmaabun ma, na ɔno nso redi abooboo.+
9 N’aponkɛse+ amemem kɔ asase yam. Wasɛe ne mmeamu abubu mu.Ne hene ne ne mpanyimfo wɔ amanaman no mu.+ Mmara bi nni hɔ.+N’adiyifo nso nnyaa anisoadehu bi mfii Yehowa hɔ.+
9 N’apirakuru nni sabea,+ efisɛ abedu Yuda tɔnn;+ ne yare abedu me man kurow pon ano pɛɛ, Yerusalem tɔnn.+