25Ɛbae sɛ n’ahenni afe a ɛto so akron,+ ɔsram a ɛto so du, ɔsram no da a ɛto so du+ no, Babilon hene Nebukadnesar+ bae;+ ɔne n’asraafodɔm nyinaa baa Yerusalem so betwaa ho hyiae, na wosii akoban twaa ho nyinaa hyiae.+
22 Na nea adebisa no ma ohui wɔ ne nsa nifa mu ne Yerusalem, sɛ ɔnhyehyɛ mfiri a wɔde dwiriw afasu,+ na ɔnka okum ho asɛm, ɔnhyɛn ɔko torobɛnto,+ ɔmfa mfiri nnwiriw kurow no apon ngu, onsi pempe ntwa ho nhyia, na ɔnto akoban.+