11 Na faako+ a Yehowa mo Nyankopɔn ayi sɛ ne din ntena no, ɛhɔ na momfa nea maka ho asɛm yi nyinaa nkɔ: Mo hyew afɔre+ ne mmoa a mubekum wɔn abɔ afɔre foforo ne mo nneɛma nkyem du mu biako,+ mo ntoboa,+ ne biribiara a moahyɛ bɔ+ sɛ mode bɛma Yehowa.
12 Ɛnyɛ Hesekia yi ara na oyiyii ne sorɔnsorɔmmea+ ne n’afɔremuka+ na ɔka kyerɛɛ Yuda ne Yerusalem sɛ: “Afɔremuka+ biako anim na monkotow,+ na ɛno ara so na monhyew afɔrebɔde”+ no?