Deuteronomium 8:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 wo koma bɛhoman+ na wo werɛ afi Yehowa wo Nyankopɔn a oyii wo fii Egypt nkoafie no.+ Yesaia 32:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 “Mmea a mo ho atɔ mo, monsɔre ntie me!+ Mmabea a hwee mfa mo ho, monyɛ aso mma m’asɛm! Hesekiel 16:49 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 49 ‘Hwɛ, bɔne a wo nua Sodom yɛe ni: Ahantan,+ adidimee,+ ahokyerɛ,+ ne dwoodwoo asetena; eyi na ɔne ne nkurow nyae,+ nanso ɔbrɛfo+ ne ohiani nsa de, wanhyɛ no den.+
49 ‘Hwɛ, bɔne a wo nua Sodom yɛe ni: Ahantan,+ adidimee,+ ahokyerɛ,+ ne dwoodwoo asetena; eyi na ɔne ne nkurow nyae,+ nanso ɔbrɛfo+ ne ohiani nsa de, wanhyɛ no den.+