13 Afei ɔfaa Yehowa fie akorade nyinaa ne ahemfie akorade+ no kɔe, na otwitwaa sika anwenne+ a Israel hene Solomon yɛe wɔ Yehowa asɔredan mu no nyinaa mu asinasin sɛnea Yehowa kae no.
13 Na kɔbere adum+ a ɛwɔ Yehowa fie no ne nsutwe nnaka+ ne kɔbere po+ a ɛwɔ Yehowa fie hɔ no, Kaldeafo no bubuu no asinasin, na wɔde ɛho kɔbere no kɔɔ Babilon.+
18 Na nokware Nyankopɔn fie anwenne+ nyinaa, akɛse+ ne nketewa, ne Yehowa fie akorade+ ne ɔhene ne ne mpanyimfo akorade+ nso, ɔde ne nyinaa kɔɔ Babilon.
17 Na Yehowa fie hɔ kɔbere adum+ ne nsutwe nnaka+ ne kɔbere po+ a ɛwowɔ Yehowa fie hɔ no, Kaldeafo no bubuu no asinasin, na wɔde ɛho kɔbere no nyinaa kɔɔ Babilon.+