18 Mma tase nnyina, na agyanom sɔ ano, ɔyerenom fɔtɔw esiam, na wɔde yɛ afɔrebɔ paanoo ma ‘ɔsoro hemmaa’;+ wohwie afɔrebɔ nsã+ ma anyame foforo de hyɛ me abufuw.+
13 Na Yerusalem afie ne Yuda ahene afie a ɛho agu fĩ no, kyerɛ sɛ, afie a ɛwowɔ adan atifi a wɔhyew afɔrebɔde wɔ hɔ ma ɔsoro asafo+ nyinaa a wohwie afɔrebɔ nsã wɔ hɔ ma anyame foforo+ no, ne nyinaa bɛyɛ sɛ Tofet.’”+
17 mmom asɛm a afi yɛn anom+ aba no ara na yɛbɛyɛ, na yɛbɛhyew afɔrebɔde ama ‘ɔsoro hemmaa’+ na yɛahwie afɔrebɔ nsã+ ama no sɛnea yɛn+ ne yɛn agyanom+ ne yɛn ahene+ ne yɛn mpanyimfo yɛe wɔ Yuda nkurow ne Yerusalem mmɔnten so bere a na yedidi mee na yɛn ho tɔ yɛn na yenhu mmusu biara no.+