6 “Nsubon mu abo torotoro ne wo kyɛfa.+ Na ɛno na wunyae.+ Afei wuguu nsã wɔ so,+ na wode ayɛyɛde beguu so. So menka me koma nto me yam wɔ eyinom ho anaa?+
13 Na Yerusalem afie ne Yuda ahene afie a ɛho agu fĩ no, kyerɛ sɛ, afie a ɛwowɔ adan atifi a wɔhyew afɔrebɔde wɔ hɔ ma ɔsoro asafo+ nyinaa a wohwie afɔrebɔ nsã wɔ hɔ ma anyame foforo+ no, ne nyinaa bɛyɛ sɛ Tofet.’”+
28 Mede wɔn baa asase+ a memaa me nsa so kaa ntam sɛ mede bɛma wɔn+ no so. Nanso sɛ wohu koko a ɛkorɔn+ ne dua kusuu biara a, na wɔafi ase rebɔ afɔre wɔ hɔ,+ na wɔde wɔn ayɛyɛde baa hɔ de huruu me bo, na wɔbɔɔ afɔre huamhuam+ guu nsã wɔ hɔ.+