Dwom 62:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Me nkwagye ne m’anuonyam gyina Onyankopɔn so.+Onyankopɔn ne me botantim ne me guankɔbea.+ Dwom 71:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 W’ayeyi ahyɛ m’anom ma,+Na meka w’anuonyam daa.+ Sakaria 2:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Na mɛyɛ me ho ogya fasu atwa ho ahyia,+ na mɛma m’anuonyam ahyɛ hɔ mã,”+ Yehowa asɛm ni.’” Luka 2:32 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 kanea+ a wonam so beyi nea ɛkata+ amanaman+ no so ama ahyɛ wo man Israel anuonyam.”