Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 2 Beresosɛm 31:1
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 31 Na wowiee eyinom nyinaa pɛ, Israelfo+ a wɔwɔ hɔ nyinaa kɔɔ Yuda nkurow mu,+ na wokobubuu abosom adum+ twitwaa abosonnua,+ na wobubuu sorɔnsorɔmmea+ ne afɔremuka+ a ɛwowɔ Yuda+ ne Benyamin ne Efraim+ ne Manase+ nyinaa kosii sɛ ɛsae; ɛno akyi no, Israelfo no san kɔɔ wɔn nkurow mu, na obiara kɔɔ n’agyapade so.

  • 2 Beresosɛm 34:7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 7 ɔkɔɔ hɔ kobubuu afɔremuka+ ne abosonnua+ no, na ɔyam ahoni+ a wɔasen no dukuduku;+ aduhuam ade+ no nyinaa nso, otwitwa fii Israel asase nyinaa so, na ɛno akyi no, ɔsan kɔɔ Yerusalem.

  • Yeremia 17:2
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 2 mpo wɔn mma kae wɔn afɔremuka ne wɔn abosonnua wɔ dua kusuu ase ne nkoko atenten nyinaa so,+

  • Hesekiel 36:25
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 25 Na mede nsu kurennyenn bɛpete mo so ama mo ho atew.+ Mɛtew mo ho afi mo fĩ+ ne mo abosom fĩ nyinaa ho.+

  • Hosea 8:11
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 11 “Efraim akeka afɔremuka abobɔ so de yɛ bɔne.+ Wanya afɔremuka bebree de yɛ bɔne.+

  • Hosea 14:8
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 8 “Efraim bɛka sɛ, ‘Dɛn bio na me ne ahoni wɔ yɛ?’+

      “Na me ara mɛma mmuae na m’ani aku ne ho.+ Mete sɛ ɔpopaw dua frɔmfrɔm.+ Na me so na wubenya aba.”

  • Sakaria 13:2
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 2 “Saa da no,” asafo Yehowa asɛm ni, “metwa ahoni din afi asase no so,+ na obiara renkae wɔn bio. Na meyi adiyifo+ ne honhom fĩ nyinaa nso afi asase no so.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena