Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Atemmufo 3:7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 7 Enti Israelfo yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so, na wɔn werɛ fii Yehowa wɔn Nyankopɔn+ na wɔkɔsom Baal ahoni+ ne abosonnua.+

  • 1 Ahene 14:23
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 23 Wɔn nso yeyɛɛ sorɔnsorɔmmea+ ne abosom adum+ ne abosonnua+ wɔ nkoko atenten+ nyinaa so ne nnua kusuu+ nyinaa bi ase.

  • 2 Ahene 16:4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 4 Ɔkɔɔ so bɔɔ afɔre na ɔhyew afɔrebɔde wɔ sorɔnsorɔmmea+ ne nkoko+ so ne nnua kusuu+ nyinaa bi ase.

  • 2 Beresosɛm 24:18
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 18 Wɔde nkakrankakra gyaw wɔn agyanom Nyankopɔn Yehowa fie, na wɔkɔsom abosonnua+ ne ahoni,+ na wɔn mmarato no nti, abufuw baa Yuda ne Yerusalem so.+

  • 2 Beresosɛm 33:3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 Sorɔnsorɔmmea+ a ne papa Hesekia bubui+ no, ɔsan sisii, na osisii afɔremuka+ maa Baal+ ahoni; osisii abosonnua,+ ɔkotow+ ɔsoro asafo+ nyinaa, na ɔsom wɔn.+

  • Dwom 78:58
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 58 Wɔde wɔn sorɔnsorɔmmea no hyɛɛ no abufuw,+

      Na wɔde wɔn ahoni a wɔasen no huruu ne bo.+

  • Yesaia 1:29
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 29 Nnipa ani bewu nnupɔn a mo ani gyee ho no ho,+ na mo anim agu ase mo nturo ho.+

  • Yeremia 2:20
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 20 “‘Mifi tete na mibubuu wo kɔndua+ mu asinasin; metetew wo nkyehama mu. Nanso wokae sɛ: “Merensom wo,” efisɛ wodaa+ nkoko atenten nyinaa so ne nnua kusuu+ nyinaa ase bɔɔ aguaman.+

  • Hesekiel 6:13
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 13 Na sɛ wɔn nkurɔfo wuwu gu wɔn abosom fĩ ntam,+ wɔn afɔremuka ho nyinaa,+ nkoko atenten nyinaa so,+ mmepɔw nyinaa so,+ ne nnua kusuu+ ne nnua frɔmfrɔm nyinaa bi ase,+ faako a wɔbɔ afɔre huamhuam ma wɔn abosom fĩ+ nyinaa no a, mubehu sɛ mene Yehowa.+

  • Hesekiel 20:28
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 28 Mede wɔn baa asase+ a memaa me nsa so kaa ntam sɛ mede bɛma wɔn+ no so. Nanso sɛ wohu koko a ɛkorɔn+ ne dua kusuu biara a, na wɔafi ase rebɔ afɔre wɔ hɔ,+ na wɔde wɔn ayɛyɛde baa hɔ de huruu me bo, na wɔbɔɔ afɔre huamhuam+ guu nsã wɔ hɔ.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena