Deuteronomium 32:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ,+N’akwan nyinaa teɛ.+ Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafo+ a nkontomposɛm biara nni n’akwan mu,+Ɔtreneeni a obu atɛntrenee.+ 2 Samuel 22:32 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 Hena ne Onyankopɔn sɛ Yehowa?+Na hena ne ɔbotan sɛ yɛn Nyankopɔn?+ Dwom 18:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Yehowa ne me botan ne m’abannennen, ne me Gyefo.+Me Nyankopɔn yɛ me botan. Ɔno na miguan metoa no,+Me kyɛm ne me nkwagye abɛn, m’abantenten.+ Yesaia 26:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Momfa mo ho nto Yehowa so daa,+ efisɛ Yah Yehowa mu na yɛn daa Botan+ wɔ.
4 Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ,+N’akwan nyinaa teɛ.+ Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafo+ a nkontomposɛm biara nni n’akwan mu,+Ɔtreneeni a obu atɛntrenee.+
2 Yehowa ne me botan ne m’abannennen, ne me Gyefo.+Me Nyankopɔn yɛ me botan. Ɔno na miguan metoa no,+Me kyɛm ne me nkwagye abɛn, m’abantenten.+