Yesaia 2:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Woagyaw wo man Yakob fie,+ efisɛ Apuei nneɛma ahyɛ wɔn mã.+ Wodi asumansɛm+ te sɛ Filistifo, na ananafo mma na wɔne wɔn di nsawɔso.+ Yeremia 3:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Mo amumɔyɛ no na munhu, efisɛ Yehowa mo Nyankopɔn na moafom no.+ Na mofaa akwan bebree so kɔɔ ananafo+ nkyɛn wɔ nnua kusuu nyinaa ase,+ na me nne de, moantie,” Yehowa asɛm ni.’”
6 Woagyaw wo man Yakob fie,+ efisɛ Apuei nneɛma ahyɛ wɔn mã.+ Wodi asumansɛm+ te sɛ Filistifo, na ananafo mma na wɔne wɔn di nsawɔso.+
13 Mo amumɔyɛ no na munhu, efisɛ Yehowa mo Nyankopɔn na moafom no.+ Na mofaa akwan bebree so kɔɔ ananafo+ nkyɛn wɔ nnua kusuu nyinaa ase,+ na me nne de, moantie,” Yehowa asɛm ni.’”