63 “Afei sɛnea Yehowa ani gyei sɛ ɔbɛyɛ mo papa na wama moadɔ no,+ saa ara na Yehowa ani begye sɛ ɔbɛsɛe mo atɔre mo ase.+ Na obetwa mo afi asase a morekɔ so no so.+
31 Montow mo mmaratosɛm a mode too mmara+ no nyinaa mfi mo so ngu na munnya koma+ foforo ne honhom foforo.+ Adɛn koraa nti na morebewuwu yi,+ Israel fie?’
11 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘“Sɛ mete ase yi, m’ani nnye ɔbɔnefo wu ho,+ na mmom sɛ ɔbɔnefo bɛsan+ afi ne kwan so na wanya nkwa.+ Enti monsan, monsan mfi mo akwammɔne so.+ Adɛn koraa nti na morebewuwu yi, Israel fie?”’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm ni.