Exodus 3:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Ɛnna ɔkae sɛ: “Medi w’akyi,+ na nea ɛbɛkyerɛ sɛ me na masoma wo ni:+ Sɛ wunya de ɔman no fi Egypt ba a, mobɛsom nokware Nyankopɔn no wɔ bepɔw yi so.”+ Deuteronomium 31:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Momma mo bo nyɛ duru na mo ho nyɛ den.+ Munnsuro wɔn na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu,+ efisɛ Yehowa mo Nyankopɔn ka mo ho. Ɔrempo mo na ɔrennyaw mo.”+ Yosua 1:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Na wo nkwa nna nyinaa, obiara rentumi nnyina w’anim.+ Sɛnea midii Mose akyi no, saa ara na medi w’akyi.+ Merempo wo na merennyaw wo.+ Yeremia 15:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 “Mama woadan kɔbere afasu+ a wɔabɔ ho ban ama ɔman yi; wɔne wo bɛko, nanso wɔrentumi wo.+ Midi w’akyi, na megye wo na mayi wo,”+ Yehowa asɛm ni. Asomafo Nnwuma 18:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 efisɛ meka wo ho+ na obiara ntumi mfa ne nsa nka wo nyɛ wo bɔne biara; na mewɔ nnipa pii wɔ kurow yi mu.” Asomafo Nnwuma 26:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 na megye wo nso afi ɔman yi ne amanaman a meresoma wo akɔ wɔn nkyɛn no nsam,+ 2 Korintofo 1:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Efisɛ ogyee yɛn fii ade kɛse te sɛ owu mu, na obegye yɛn;+ na yɛn ani da no so sɛ ɔbɛkɔ so agye yɛn.+ Hebrifo 13:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Ɛma yenya akokoduru+ ka sɛ: “Yehowa ne me boafo; merensuro. Dɛn na onipa betumi ayɛ me?”+
12 Ɛnna ɔkae sɛ: “Medi w’akyi,+ na nea ɛbɛkyerɛ sɛ me na masoma wo ni:+ Sɛ wunya de ɔman no fi Egypt ba a, mobɛsom nokware Nyankopɔn no wɔ bepɔw yi so.”+
6 Momma mo bo nyɛ duru na mo ho nyɛ den.+ Munnsuro wɔn na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu,+ efisɛ Yehowa mo Nyankopɔn ka mo ho. Ɔrempo mo na ɔrennyaw mo.”+
5 Na wo nkwa nna nyinaa, obiara rentumi nnyina w’anim.+ Sɛnea midii Mose akyi no, saa ara na medi w’akyi.+ Merempo wo na merennyaw wo.+
20 “Mama woadan kɔbere afasu+ a wɔabɔ ho ban ama ɔman yi; wɔne wo bɛko, nanso wɔrentumi wo.+ Midi w’akyi, na megye wo na mayi wo,”+ Yehowa asɛm ni.
10 efisɛ meka wo ho+ na obiara ntumi mfa ne nsa nka wo nyɛ wo bɔne biara; na mewɔ nnipa pii wɔ kurow yi mu.”
10 Efisɛ ogyee yɛn fii ade kɛse te sɛ owu mu, na obegye yɛn;+ na yɛn ani da no so sɛ ɔbɛkɔ so agye yɛn.+