16 Nanso wɔkɔɔ so goruu+ nokware Nyankopɔn nkoa no ho buu ne nsɛm animtiaa,+ na wodii n’adiyifo no ho fɛw+ kosii sɛ Yehowa abufuw+ baa ne man so a wɔannya ayaresa.+
13 Enti afei,’ Yehowa asɛm ni, ‘sɛ́ moakɔ so ayɛ eyinom nyinaa, na daa mekasa kyerɛɛ mo, na mesɔree anɔpahema+ ne mo kasae nanso moantie,+ na mefrɛɛ mo na moannye so nti,+
3 “Efi Amon ba Yosia,+ Yuda hene no afe a ɛto so dumiɛnsa so de besi ɛnnɛ da yi, mfe aduonu abiɛsa yi mu, Yehowa asɛm baa me nkyɛn, na mesɔree anɔpahema ne mo kasae; mekasae, nanso moantie.+
15 Mesomaa me nkoa adiyifo+ no nyinaa baa mo nkyɛn daa; mesɔree anɔpahema somaa wɔn sɛ, ‘Obiara nsan mfi ne kwammɔne so+ na momma mo nneyɛe nyɛ yiye,+ na munnkodi anyame foforo akyi nnsom wɔn.+ Na montena asase a mede maa mo agyanom no so daa.’+ Nanso moammrɛ mo aso ase, na moantie me.+