15 “Na sɛ woanyɛ aso antie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm anni n’ahyɛde ne ne mmara a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a, ɛnde nnome yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+
15 Na munhu sɛ sɛnea asɛmpa a Yehowa mo Nyankopɔn ka kyerɛɛ mo no nyinaa aba mu no,+ saa ara na Yehowa de nnome no nyinaa bɛba mo so akosi sɛ ɔbɛtɔre mo ase afi asase pa a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo yi so,+
27 Na Yehowa kae sɛ: “Yuda+ nso mɛtow no afi m’anim akyene+ sɛnea metow Israel kyenee+ no; mɛtow kurow a mapaw yi, Yerusalem ne ofie yi akyene, ofie a mekae sɛ, ‘Me din bɛtena hɔ’+ no.”
3 “‘Mmusu ahorow anan na mede bɛba wɔn so,’+ Yehowa asɛm ni, ‘nkrante a ebekunkum wɔn, akraman a wɔbɛtwe wɔn ase akɔ, ewim nnomaa,+ ne asase so mmoa a wobedi wɔn nam na wɔasɛe wɔn.