12 Enti mede mo bɛma nkrante,+ na mo nyinaa bɛkotow ma wɔakum mo,+ efisɛ mefrɛe+ nanso moannye so; mekasae nanso moantie;+ nea ɛyɛ m’ani so bɔne na mokɔɔ so yɛe,+ na nea m’ani nnye ho na mopawee.”+
4 Na me nso mɛfa akwan horow so atan wɔn ani,+ na nneɛma a wosuro na mede bɛba wɔn so,+ efisɛ mefrɛe, na obiara annye so, mekasae, nanso obiara antie.+ Na wɔkɔɔ so yɛɛ adebɔne wɔ m’ani so, na nea m’ani nnye ho na wɔpawee.”+
13 Enti afei,’ Yehowa asɛm ni, ‘sɛ́ moakɔ so ayɛ eyinom nyinaa, na daa mekasa kyerɛɛ mo, na mesɔree anɔpahema+ ne mo kasae nanso moantie,+ na mefrɛɛ mo na moannye so nti,+