Exodus 34:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Na Yehowa betwaam wɔ n’anim paeem kae sɛ: “Yehowa, Yehowa, Onyankopɔn mmɔborɔhunufo+ ne ɔdomfo,+ nea ne bo kyɛ fuw+ na n’adɔe+ ne ne nokwaredi+ dɔɔso. Nehemia 9:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Na wo mmɔborɔhunu bebrebe nti, woantɔre wɔn ase+ na woampo+ wɔn, efisɛ woyɛ ɔdomfo+ ne mmɔborɔhunu+ Nyankopɔn. Dwom 106:45 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 45 Ɔkaee apam a ɔne wɔn yɛe no,+Na n’adɔe dodow nti, ogyae ma ɛkae.+ Mmebusɛm 16:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Sɛ onipa akwan sɔ Yehowa ani a,+ ɔma n’atamfo mpo ne no tena asomdwoe mu.+ Daniel 9:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Yehowa yɛn Nyankopɔn, wo na mmɔborɔhunu+ ne fafiri+ wɔ wo, na yɛn na yɛatew wo so atua.+
6 Na Yehowa betwaam wɔ n’anim paeem kae sɛ: “Yehowa, Yehowa, Onyankopɔn mmɔborɔhunufo+ ne ɔdomfo,+ nea ne bo kyɛ fuw+ na n’adɔe+ ne ne nokwaredi+ dɔɔso.
31 Na wo mmɔborɔhunu bebrebe nti, woantɔre wɔn ase+ na woampo+ wɔn, efisɛ woyɛ ɔdomfo+ ne mmɔborɔhunu+ Nyankopɔn.