1 Ahene 20:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Ɛnna Israel hene nso buae sɛ: “Monkɔka nkyerɛ no sɛ, ‘Mma nea ɔhyɛ akotade+ nnhoahoa ne ho sɛ nea ɔreyi agu hɔ.’”+ Mmebusɛm 12:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Nsiyɛfo nsa na ebedi tumi,+ na ɔkwadwofo nsa de, ɛbɛyɛ nkoadwuma.+ Ɔsɛnkafo 3:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 ɔdɔ wɔ ne bere, na ɔtan nso wɔ ne bere;+ ɔko wɔ ne bere,+ na asomdwoe nso wɔ ne bere.+
11 Ɛnna Israel hene nso buae sɛ: “Monkɔka nkyerɛ no sɛ, ‘Mma nea ɔhyɛ akotade+ nnhoahoa ne ho sɛ nea ɔreyi agu hɔ.’”+