Hiob 9:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ɔyɛ koma mu nyansafo ne tumi mu ɔhoɔdenfo.+Hena na obetumi atew no so atua na asi no yiye?+ Mmebusɛm 16:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Ahantan di ɔsɛe anim,+ na ahomaso honhom di asehwe anim.+ Yeremia 48:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 “Yɛate sɛnea Moab ahoman no+—ɔyɛ dwae paa—yɛate n’ahomaso ne n’ahantan ne n’ahokyerɛ ne ne koma a wama so no.”+
29 “Yɛate sɛnea Moab ahoman no+—ɔyɛ dwae paa—yɛate n’ahomaso ne n’ahantan ne n’ahokyerɛ ne ne koma a wama so no.”+