23 W’atumfoɔ asen wɔn kɔn na wɔne akorɔmfo na ɛbɔ.+ Wɔn mu biara dɔ adanmude,+ na wotiw akyɛde.+ Wonni agyanka asɛm mma no, na akunafo asɛm nnu wɔn anim.+
17 Saa bere no, wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ Yehowa ahengua,+ na ɛhɔ na wɔbɛboaboa aman nyinaa ano abehyia+ ama Yehowa din wɔ Yerusalem,+ na wɔrenni wɔn atuatew koma bɔne no akyi bio.”+
8 Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase;+ mmom obiara nantew ne koma+ bɔne atuatew mu. Ɛno nti, mede apam yi mu nsɛm, nsɛm a mehyɛɛ wɔn sɛ wonni so a wɔanni so no nyinaa baa wɔn so.’”