Yeremia
43 Bere a Yeremia kaa Yehowa, wɔn Nyankopɔn nsɛm nyinaa a Yehowa wɔn Nyankopɔn de somaa no ɔman no nyinaa nkyɛn wiei no,+ 2 Hosaia+ ba Asaria ne Karea ba Yohanan+ ne mmarima ahantanfo+ no nyinaa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Atosɛm na woreka yi.+ Yehowa yɛn Nyankopɔn nsomaa wo yɛn nkyɛn sɛ, ‘Munntu mo nan nnsi Egypt nnkɔtena hɔ sɛ ahɔho.’+ 3 Na Neria ba Baruk+ na ɔretutu gu w’asom tia yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a Kaldeafo nsa bɛka yɛn na wɔakunkum yɛn anaa wɔde yɛn bɛkɔ nkoasom mu wɔ Babilon.”+
4 Na Karea ba Yohanan ne asahene no nyinaa ne ɔman no nyinaa antie Yehowa asɛm+ antena Yuda asase so.+ 5 Enti Karea ba Yohanan ne asahene no nyinaa faa Yuda nkae a wofi aman a wɔbɔɔ wɔn hwetee so no so bae sɛ wɔrebɛsoɛ Yuda asase so no nyinaa,+ na wɔkɔe; 6 mmarima ne wɔn yerenom ne mmofra nkumaa ne ɔhene mmabea+ ne ɔkra biara a awɛmfo so panyin Nebusaradan+ gyaw no Safan+ ba Ahikam+ ba Gedalia+ nkyɛn no ne odiyifo Yeremia ne Neria ba Baruk.+ 7 Na wɔkɔɔ Egypt+ asase so, na wɔantie Yehowa asɛm; wɔkɔe ara koduu Tapanes.+
8 Ɛnna Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn wɔ Tapanes sɛ: 9 “Tase abo akɛse, na fa kohintaw dɔte mu wɔ birikisi a ɛsɛm Farao fie pon ano no mu wɔ Tapanes, Yuda mmarima no anim.+ 10 Na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn aka ni: “Hwɛ, meresoma akɔfa Babilon hene Nebukadresar,+ m’akoa+ no aba, na abo a mede ahintaw yi so na mede n’ahengua besi, na ɔbɛtrɛw ne ntamadan kɛse mu wɔ so. 11 Na ɔbɛba abɛyɛ Egypt+ asase pasaa. Nea ɔsɛ owuyare no bɛkɔ owuyare mu. Nea ɔsɛ nkoasom no bɛkɔ nkoasom mu. Na nea ɔsɛ nkrante no bɛkɔ nkrante ano.+ 12 Na mede ogya bɛto Egypt+ anyame no afie mu, na ɔbɛhyew na ɔde wɔn akɔ nkoasom mu, na wafura Egypt asase sɛnea oguanhwɛfo fura ntama+ no, na obefi hɔ akɔ asomdwoe mu. 13 Na obebubu Bet-Semes a ɛwɔ Egypt asase so no adum pasaa, na ɔde ogya bɛhyew Egypt anyame no afie.”’”