30“Na ɛba sɛ nsɛm yi nyinaa ba wo so, nhyira+ ne nnome+ a mede asi w’anim yi nyinaa, na wokae+ wɔ aman a Yehowa wo Nyankopɔn apam wo+ kɔ so no nyinaa mu,
14 Mɛma moahu me,’+ Yehowa asɛm ni. ‘Na mɛboaboa mo atukɔfo no ano na mayi mo afi aman nyinaa mu ne mmeae a mebɔɔ mo hwetee no nyinaa,’+ Yehowa asɛm ni. ‘Na mɛsan de mo aba faako a mede mo fi kɔɔ nkoasom mu no.’+
7 O Yehowa, wo na trenee wɔ wo, na yɛn de, animguase na ɛfata yɛn sɛnea ɛte nnɛ yi;+ ɛfata Yudafo ne Yerusalemfo ne Israelfo nyinaa, wɔn a wɔtete bɛn ha ne wɔn a nokware a wɔanni wo nti woabɔ wɔn ahwete nsase nyinaa so no.+