2 Na Yehowa somaa Kaldea+ afowfo ne Siria afowfo ne Moab+ afowfo ne Ammon afowfo baa no so; ɔsomaa wɔn baa Yuda so sɛ wɔmmɛsɛe no sɛnea Yehowa asɛm+ a ɔnam ne nkoa adiyifo no so kae no te.
25Ɛbae sɛ n’ahenni afe a ɛto so akron,+ ɔsram a ɛto so du, ɔsram no da a ɛto so du+ no, Babilon hene Nebukadnesar+ bae;+ ɔne n’asraafodɔm nyinaa baa Yerusalem so betwaa ho hyiae, na wosii akoban twaa ho nyinaa hyiae.+