Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 1 Samuel 12:15
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 15 Na sɛ moantie Yehowa nne+ na motew Yehowa ahyɛde so atua+ a, Yehowa nsa bɛba mo ne mo agyanom so.+

  • 1 Samuel 15:23
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 23 na atuatew+ ne abosonkɔm+ nyinaa yɛ bɔne koro, na aniammɔho ne asumansɛm ne terafim+ ahonisom nyinaa yɛ ade koro. Esiane sɛ woapo Yehowa asɛm+ nti, ɔno nso apo wo sɛ nni hene.”+

  • Dwom 5:10
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 10 Onyankopɔn bebu wɔn fɔ;+

      Wɔn ankasa pɔw bɔne mu na wɔbɛhwe.+

      Wɔn mmarato bebrebe mu na ma wɔnhwete,+

      Efisɛ wɔatew wo so atua.+

  • Yesaia 1:20
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 20 Na sɛ moantie+ na mosɔre tia me a, nkrante bedi mo nam; Yehowa ankasa anom asɛm ni.”+

  • Yesaia 63:10
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 10 Nanso wɔtew atua+ na wɔmaa ne honhom kronkron no werɛ howee.+ Enti ɔdan bɛyɛɛ wɔn tamfo,+ na ɔne wɔn koe.+

  • Hesekiel 7:8
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 8 “‘Afei ɛrenkyɛ na mahwie m’abufuw agu wo so,+ na mede m’anibere bewie wo so;+ mebu wo atɛn sɛnea w’akwan te+ na mama w’akyide nyinaa adan aba wo so.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena