2 Beresosɛm 28:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Ɛnna Edomfo+ nso bae, na wɔbɛtow hyɛɛ Yuda so kunkum wɔn mu bi, na wɔfaa nnommum kɔe. Dwom 137:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 O Yehowa, kae+ Edom mma,+ Yerusalem sɛe da no nti;+Wɔn na wɔkae sɛ: “Munnwiriw ngu! Munnwiriw ngu nkosi ne fapem so!”+ Kwadwom 4:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 O Sion babea, wo mfomso aba awiei.+ Ɔremfa wo nkɔ nkoasom mu bio.+Wo Edom babea, ɔde n’ani asi wo mfomso so. Wada wo bɔne adi.+ Amos 1:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 “Nea Yehowa aka ni, ‘Edom+ bɔne a ɛto so abiɛsa ne nea ɛto so anan nti, merentwe nsan, efisɛ ɔde nkrante tiw ne nua,+ na ɔsɛee ne mmɔborɔhunu,+ na n’abufuw tetew ne hanam mu daa, na n’abufuhyew dɛwee bere nyinaa.+ Obadia 10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Atirimɔdensɛm a wode dii wo nua Yakob nti,+ w’anim begu ase,+ na wobetwa wo afi hɔ koraa.+
7 O Yehowa, kae+ Edom mma,+ Yerusalem sɛe da no nti;+Wɔn na wɔkae sɛ: “Munnwiriw ngu! Munnwiriw ngu nkosi ne fapem so!”+
22 O Sion babea, wo mfomso aba awiei.+ Ɔremfa wo nkɔ nkoasom mu bio.+Wo Edom babea, ɔde n’ani asi wo mfomso so. Wada wo bɔne adi.+
11 “Nea Yehowa aka ni, ‘Edom+ bɔne a ɛto so abiɛsa ne nea ɛto so anan nti, merentwe nsan, efisɛ ɔde nkrante tiw ne nua,+ na ɔsɛee ne mmɔborɔhunu,+ na n’abufuw tetew ne hanam mu daa, na n’abufuhyew dɛwee bere nyinaa.+