Mmebusɛm 11:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Ahantan aba anaa? Ɛnde animguase bedi akyi;+ na ahobrɛasefo na nyansa ne wɔn te.+ Mmebusɛm 16:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Ahantan di ɔsɛe anim,+ na ahomaso honhom di asehwe anim.+ Hesekiel 27:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Na ka kyerɛ Tiro sɛ: “‘Wo a wote po abobow ano,+ oguadini a wo ne nsuano aman pii di gua,+ nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni: “O Tiro, wo na wokae sɛ, ‘M’ahoɔfɛ wie pɛyɛ.’+
3 Na ka kyerɛ Tiro sɛ: “‘Wo a wote po abobow ano,+ oguadini a wo ne nsuano aman pii di gua,+ nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni: “O Tiro, wo na wokae sɛ, ‘M’ahoɔfɛ wie pɛyɛ.’+