3 ɛnde Yehowa wo Nyankopɔn behu wo mmɔbɔ+ na ɔde wo nkurɔfo a wɔwɔ nkoasom+ mu no aba, na waboaboa wɔn ano afi aman a Yehowa wo Nyankopɔn pam wo kɔɔ so no nyinaa so.+
15 Mmom wɔbɛka sɛ: “Sɛ́ Yehowa a oyii Israel fii atifi fam asase so ne nsase a ɔbɔɔ wɔn hwetee so nyinaa so bae no te ase yi!” Na mɛsan de wɔn aba wɔn asase a mede maa wɔn agyanom no so.’+
3 “Na me ara mɛboaboa me nguankuw nkae ano afi nsase a mebɔɔ wɔn hwetee so no nyinaa so,+ na mɛsan de wɔn aba wɔn adidibea,+ na wɔbɛwo na wɔayɛ bebree.+
14 Na mɛma me man Israel nnommum no asan aba,+ na wɔbɛkyekye nkurow a asɛe no atena mu,+ na wɔbɛyeyɛ bobe nturo anom mu nsã na wɔayɛ nnuaba turo adi mu aba.’+