Exodus 40:34 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 34 Na omununkum+ bɛkataa ahyiae ntamadan no so, na Yehowa anuonyam bɛhyɛɛ ntamadan no mu mã. 1 Ahene 8:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Na ɛbae sɛ bere a asɔfo no fii adi fii kronkronbea hɔ no, omununkum+ bɛhyɛɛ Yehowa fie no mã. 2 Beresosɛm 5:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Omununkum no nti, asɔfo no antumi annyina hɔ ansom,+ efisɛ Yehowa anuonyam+ hyɛɛ nokware Nyankopɔn fie no mã. Yesaia 6:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Obiako ka kyerɛ obiako sɛ: “Kronkron, kronkron, kronkron ne asafo Yehowa.+ N’anuonyam ahyɛ asase nyinaa so mã.” Hesekiel 44:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Afei ɔde me faa ɔponkɛse a ɛwɔ atifi fam no mu baa Fie no anim sɛ memmɛhwɛ, na mihui sɛ Yehowa anuonyam ahyɛ Yehowa fie hɔ mã.+ Na mede m’anim butuw fam.+
14 Omununkum no nti, asɔfo no antumi annyina hɔ ansom,+ efisɛ Yehowa anuonyam+ hyɛɛ nokware Nyankopɔn fie no mã.
3 Obiako ka kyerɛ obiako sɛ: “Kronkron, kronkron, kronkron ne asafo Yehowa.+ N’anuonyam ahyɛ asase nyinaa so mã.”
4 Afei ɔde me faa ɔponkɛse a ɛwɔ atifi fam no mu baa Fie no anim sɛ memmɛhwɛ, na mihui sɛ Yehowa anuonyam ahyɛ Yehowa fie hɔ mã.+ Na mede m’anim butuw fam.+