11 “Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm ni, ‘Sɛ mete ase yi, esiane sɛ wode w’atantanne+ ne w’akyide+ nyinaa agu me kronkronbea ho fĩ nti, me nso mehuan wo so+ na merenhu wo mmɔbɔ,+ na me yam renhyehye me mma wo.+
18 Na me nso, me ne wɔn bedi wɔ anibere so.+ Merenhu wɔn mmɔbɔ na me yam renhyehye me mma wɔn.+ Na wɔbɛteɛm denneennen agu m’asom, nanso merentie wɔn.”+
6 “‘Afei merenhu asase no sofo mmɔbɔ+ bio. Na mede ɔdesani bɛhyɛ ne yɔnko nsa,+ ne ne hene nsa.+ Na wɔbɛsɛe asase no pasaa, na merennye obiara mfi wɔn nsam,’+ Yehowa asɛm ni.”