2 Na sɛ wobisa wo sɛ, ‘Ɛhe na yemfi adi nkɔ?’ a, wo nso ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Nea ɔsɛ owuyare no nkɔ owuyare mu! Nea ɔsɛ nkrante no nkɔ nkrante ano! Nea ɔsɛ ɔkɔm no nkɔ ɔkɔm mu!+ Na nea ɔsɛ nkoasom no nkɔ nkoasom mu!”’+
6 Na wo Pasur, wo ne wo fiefo nyinaa bɛkɔ nkoasom mu;+ wobɛkɔ Babilon, na ɛhɔ na wubewu, na ɛhɔ na wobesie wo ne w’adɔfo nyinaa,+ efisɛ woahyɛ wɔn nkɔntoro.’”+
30 ‘Nea Yehowa aka ni: “Hwɛ, mede Egypt hene Farao+ Hofra bɛhyɛ n’atamfo nsa ne wɔn a wɔrehwehwɛ ne kra no nsa+ sɛnea mede Yuda hene Sedekia hyɛɛ ne tamfo Babilon hene Nebukadresar a ɔrehwehwɛ ne kra no nsa no.”’”+
15 Mmɔborɔfo a wɔwɔ ɔman no mu ne ɔmanfo nkae a wogyaw wɔn wɔ kurow no mu+ ne wɔn a wɔdan kɔɔ Babilon hene afã ne adwumayɛfo nkae a wɔn ho akokwaw no, awɛmfo so panyin Nebusaradan de wɔn kɔɔ nkoasom mu.+