2 Ahene 23:34 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 34 Afei, Farao Neko de Ɔhene Yosia ba Eliakim+ sii hene ma odii ne papa Yosia ade, na ɔsesaa ne din frɛɛ no Yehoiakim. Yehoahas de, ɔde no kɔɔ Egypt, na ɛhɔ na okowui.+ Yesaia 30:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Wɔkɔ Egypt+ na wommisa m’anom asɛm.+ Wɔkɔ sɛ wɔrekɔhyɛ Farao abannennen ase, na wɔakohintaw Egypt nwini ase!+ Yesaia 30:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Nanso Farao abannennen bɛdan mo aniwu+ na Egypt nwini ase ahintawee adan mo animguase.+ Yeremia 2:36 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 36 Dɛn nti na wubu wo kwan a woasesã no sɛ ade ketewa bi yi?+ Egypt ho nso, w’ani bewu+ sɛnea w’ani wui Asiria+ ho no. Kwadwom 5:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Yɛde yɛn nsa+ ama Egypt;+ yɛde ama Asiria+ na ama yɛanya aduan adi amee. Hesekiel 20:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Na meka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Mo mu biara ntow akyide a n’ani gye ho no ngu,+ na mommfa Egypt abosom fĩ no nngu mo ho fĩ.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.’+
34 Afei, Farao Neko de Ɔhene Yosia ba Eliakim+ sii hene ma odii ne papa Yosia ade, na ɔsesaa ne din frɛɛ no Yehoiakim. Yehoahas de, ɔde no kɔɔ Egypt, na ɛhɔ na okowui.+
2 Wɔkɔ Egypt+ na wommisa m’anom asɛm.+ Wɔkɔ sɛ wɔrekɔhyɛ Farao abannennen ase, na wɔakohintaw Egypt nwini ase!+
36 Dɛn nti na wubu wo kwan a woasesã no sɛ ade ketewa bi yi?+ Egypt ho nso, w’ani bewu+ sɛnea w’ani wui Asiria+ ho no.
7 Na meka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Mo mu biara ntow akyide a n’ani gye ho no ngu,+ na mommfa Egypt abosom fĩ no nngu mo ho fĩ.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.’+