2 Beresosɛm 28:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Saa bere no, Ɔhene Ahas+ soma kɔɔ Asiria ahene+ nkyɛn sɛ wɔmmɛboa no. Hosea 5:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 “Efraim huu ne yare, na Yuda huu ne kuru.+ Na Efraim kɔɔ Asiria+ na ɔsoma kɔɔ ɔhenkɛse bi nkyɛn.+ Nanso wantumi ansa mo yare,+ na wannya mo kuru no ano aduru.+ Hosea 7:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Efraim te sɛ aborɔnoma tibɔnkɔso+ a onni adwene.+ Wɔfrɛ Egypt,+ na wɔkɔ Asiria.+ Hosea 9:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Wɔrenkɔ so ntena Yehowa asase so,+ na Efraim bɛsan akɔ Egypt+ na wobedi nea ɛho ntew wɔ Asiria.+ Hosea 12:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 “Efraim aduan ne mframa;+ apuei mframa akyi na odi daa.+ Wama atoro ne ɔsɛe adɔɔso.+ Wɔne Asiria ayɛ apam+ na wɔde ngo kɔ Egypt.
13 “Efraim huu ne yare, na Yuda huu ne kuru.+ Na Efraim kɔɔ Asiria+ na ɔsoma kɔɔ ɔhenkɛse bi nkyɛn.+ Nanso wantumi ansa mo yare,+ na wannya mo kuru no ano aduru.+
12 “Efraim aduan ne mframa;+ apuei mframa akyi na odi daa.+ Wama atoro ne ɔsɛe adɔɔso.+ Wɔne Asiria ayɛ apam+ na wɔde ngo kɔ Egypt.